You dont have javascript enabled! Please enable it!

BECE Twi 1990 – Essay

BECE: Twi 1990 Section B

ƆFA I

COMPOSITION
Yi deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako pɛ na twerɛ ho asɛm. a wo susutwerɛ no mu nsɛmfua nyɛ bɛyɛ 150-200

a. Toa saa asɛm yi so. Da koro bi a yɛrekɔ…………………………….

b. Abaayewa n abarimaa hwan na ne ho wɔ mfasoɔ pa ara wɔ fie? Kyerɛ deɛ nti a wosusu saa.

c. Wɔsua nsanodwuma ahodoɔ bebree wɔ mo sukuu mu. Kyerɛ sɛdeɛ wɔsi yɛ mu baako a w’ani gye ho pa ara.

d. Twerɛ krataa kɔma w’adamfo na kyerɛ adwuma a wowie sukuu a, wobyɛ na kyerɛ deɛ nti a wopɛ saa adwuma no.

ƆFA II

COMPREHENSION
Kan ayɛsɛm a ɛdi soɔ yi. Wokan wie a, wobɛhunu nsɛmmisa num. Fa Asante twi bua nsɛmmisa num no nyinaa.

Na Ɔkraman, Odwan ne Abirekyie yɛ nnamfoɔ. Da koro bi wɔkɔsraa wɔn adamfo bi. Na wɔn adamfo no te kuro foforɔ bi so. Wɔrekorɔ no, wɔwee fam.

Wɔn yɔnko no gyee wɔn ani yie wɔ kurom hɔ. Yei maa wɔn werɛ firii wɔn ho. Wɔn ani baa wɔn ho so no, na adeɛ reyɛ asa. Nanso na ɛsɛ sɛ wɔnane kɔ wɔn kurom. Ne saa nti wɔkɔfaa lɔre.

Wɔreyɛ aduru wɔn kurom no, meetini no firii aseɛ gyegyee ne sika. Odwan ne Kraman tuaa wɔn deɛ . Abirekyie ho firii aseɛ wosoeɛ. Afei Abirekyie bɔɔ wa, teateaam sɛ; “Agya ei! Me yam o! Me yam o! Drɔba. gyina! Yei nti, drɔbani no gyinae. Ɛhɔ ara na Abirekyie huri sii fam dwaneeɛ.

Wɔtwɛneeɛ ara a Abirekyie mma no, lɔre no tui. Yei nti na sɛ Abirekyie hunu sɛ lɔre reba a, na ɔredwane no.

NSƐMMISA
a. Deɛn nti na Abirekyie dwaneeɛ?
b. Adɛn nti na nnamfoɔ no faa lɔre baa wɔn kurom?
c. Kyerɛ deɛ nti a nnamfoɔ no kyɛree wɔ wɔn adamfo no nkyɛn.
d. Kyerɛ saa nsɛm a wɔasane aseɛ yi ase. wɔwee fam.
e. To saa ayɛseɛm yi din.